Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 11:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 11:3
17 Referencias Cruzadas  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


na ɔno na ɔka a, ɛba mu, ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ; asafo AWURADE ne ne din.


Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.


Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.


Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim.


na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ.


ɛfiri sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛte ho.


nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.


na wɔaka Nyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden ahodoɔ ahwɛ,


Na wɔhyɛ da ara ma wɔn werɛ firi sɛ, ɛfiri teteete na ɔsoro wɔ hɔ, ne asase a ɛfiri nsuo mu, na ɛfiri nsuo mfimfini na ɛbɛtimm hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios