Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 11:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerehyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nhu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Gyidie yɛ ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerɛhyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nnhunu mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na afei gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 11:1
24 Referencias Cruzadas  

Megye medi sɛ mɛhunu AWURADE ayamyɛ, ateasefoɔ asase so.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ.


Deɛ mereka no, menka no Awurade tumi mu, na mmom nkwaseasɛm mu, saa ahohoahoa adwene yi mu.


na yɛnhwɛ nnoɔma a wɔhunu, na mmom yɛhwɛ nnoɔma a wɔnhunu; ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunu no nkyɛ na atwa mu; na nnoɔma a wɔnhunu no na ɛtena hɔ daa.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ anihunu so.


na sɛ Makedoniafoɔ bi ne me ba, na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn mpo yɛn ani bɛwu — nyɛ mene mo mmom — sɛ yɛde yɛn ho too mo soɔ.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


Na yɛn deɛ, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛeɛ mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wɔgye die na wɔkɔ nkwagyeɛ mu mu.


Gyidie so na yeinom nyinaa wuwuiɛ a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wɔhunuu akyirikyiri nko gye diiɛ, yɛɛ no atuu kaa sɛ, wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so.


Gyidie nti na ɔgyaa Misraim hɔ, na wansuro ɔhene abufuo, na mmom ɔmiaa n’ani tenaa mu sɛdeɛ ɔhunu deɛ wɔnhunuu no no.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Nanso sɛ deɛ yɛfirii aseɛ de yɛn ho too soɔ no, yɛsɔ mu pintinn kɔsi awieeɛ a, yɛn ne Kristo bɛyɛ baako.


Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios