Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 10:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se: “Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde nanso woasiesie ɔhonam ama me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ nanso woasiesie ɔhonam ama me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 10:5
26 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn? AWURADE na ɔseɛ. Adwennini hyeɛ afɔdeɛ ne nyɛmmoa sradeɛ afono me; na anantwie anaa nnwammaa anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani.


Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ, na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akɔsi da bɛn, O ɔbabaa akyirisanfoɔ? Na AWURADE abɔ ade foforɔ, asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.


Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.


kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse: Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!


Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.


Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu sɛ, merebɛyɛ deɛ wo, Onyankopɔn, wopɛ.


Kane no, ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne deɛ wɔnam mmara so de ma).


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios