Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 10:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔno de, onya bɔɔ bɔne ho afɔre biako no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 10:12
15 Referencias Cruzadas  

AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


hwan ne deɛ ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ, na mpo wanyane, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso ɔdi ma yɛn.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa.


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.


Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ.


Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,


Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no.


Ɔno na ɛnhia no daa, sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ kane ansa na wabɔ ɔman no deɛ, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ no, ɔyɛɛ yei prɛko pɛ.


Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro


nso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na mmom ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ.


mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios