Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhenni yɛ atɛntrenee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔba no ho de, ose: Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daapem daapem, w’ahenni poma yɛ poma a ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 1:8
33 Referencias Cruzadas  

Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Nanso sɛ metu wo fo a, worentie me.


Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


ahoteɛ ne tenenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.


Me ne Agya no yɛ baako.


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.


Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.


Gye Amon mma asase no nko ho na woantwe ampini; Yabok subonhwa nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔ no so nkuro ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn amma yɛn ho kwan no.


Wɔbɛhyira wo asene aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbaa, anaa w’afieboa renyɛ obonini wɔ wo mu.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro soɔ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahennie no mu.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios