Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na: Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na: Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Onyankopɔn san kae se, “Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Onyankopɔn sane kaa sɛ, “Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na: Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 1:10
17 Referencias Cruzadas  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Ɔsoro ka Nyankopɔn animuonyam, na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma.


ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra, na ɔde asase fapem too hɔ no,


Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo, na ɔto ɔsoro saama, na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo, na ɔkari mmepɔ nsania mu ne nkokoɔ nsania nkoraa mu?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:


Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa;


AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nnoɔma a wɔwosoɔ no nsakyeraeɛ, sɛ ɛyɛ adeɛ a wɔayɛ, na nnoɔma a ɛnwosoɔ no atena hɔ.


Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios