Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hagai 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 ‘Saa ofi yi anuonyam bɛkorɔn asen nʼanuonyam a atwa mu no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoe aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 ‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɔso na ɔdan yi anuonyam bɛso, akyiri de no bɛsen kan de no, asafo Awurade na ose, na ɛha na mɛma asomdwoe, asafo Awurade asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Hagai 2:9
20 Referencias Cruzadas  

Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merekoa yiedie mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyadeɛ nso, sɛ asutene a ayire, na moanom. Nkyɛnmu na wɔbɛturu mo, na wɔagyegye mo anankoroma so.


Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma.


Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ. Sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?


na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.


Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios