Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hagai 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Asɛm a Otumfoɔ Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ asafo Awurade se ni: Afei monhwɛ mo akwan yiye,

Ver Capítulo Copiar




Hagai 1:7
8 Referencias Cruzadas  

Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.


Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn.


Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie.


Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.


na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Na afei monhwɛ deɛ ɛfiri nnɛ rekorɔ yi ɛbɛba. Wɔnnya mfaa ɔboɔ ntoo ɔboɔ soɔ AWURADE asɔrefie mu,


Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios