Hagai 1:12 - New Revised Asante Twi Bible12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm12 Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim. Ver Capítulo |