Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hagai 1:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mefrɛɛ ɛweɛ baa asase so, mmepɔ so, ayuo so, nsamono so, ngo so, adeɛ a asase de ba so, nnipa so, afieboa so ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na mefrɛɛ ɛweɛ baa asase so, mmepɔ so, ayuo so, nsamono so, ngo so, adeɛ a asase de ba so, nnipa so, afieboa so ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na mefrɛɛ ɔyow mebaa asase ne mmepɔw so, ne awi ne nsamono so, ne ngo ne ade a asase de ba so, ne nnipa so ne afieboa so, ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar




Hagai 1:11
13 Referencias Cruzadas  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.


Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.


Wɔte sɛ meresi apini, nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ; m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ; wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me.


Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyee ebunu bayaa no, na na ɛrehye asase no bi.


Ɔsi ne nsamsoɔ ɔsoro, na ɔto ne kuntunu fapem, asase so, ɔfrɛ po mu nsuo na ɔhwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Mede ɔhoɔ ne ɔpoɔ ne asukɔtweaa bɔɔ mo, mo nsa ano adwuma nyinaa, nanso moannane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.


Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Wɔde nnome adome mo, ɛfiri sɛ me na morefom me afa, ɔman mu no nyinaa.


AWURADE de ɛfɔn, ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios