Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 4:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔre huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 4:18
15 Referencias Cruzadas  

Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,


sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;


Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.


Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Mefaa asafo binom adeɛ sɛ akatua, sɛ mede merebɛsom mo.


Ɛfiri sɛ ɔsom yi ho adwuma deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ deɛ ɛhia ahotefoɔ no nko ara, na mmom ɛnam aseda bebree a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Menim ahokyere, na menim ahonya nso. Biribiara ne nnoɔma nyinaa akokwa me, ɔmeeɛ ne ɛkɔm ne akonkosɛm ne hiadie;


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


Na yieyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa soɔ, ɛfiri sɛ saa afɔrebɔ no sɔ Nyankopɔn ani.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios