Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 3:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Enti momma yɛn mu dodow a yɛyɛ pɛ no nnwen sa; na sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, ɛno nso Onyankopɔn beyi adi akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 3:15
21 Referencias Cruzadas  

Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.


Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro yɛ pɛ no.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?


Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani.


Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.


Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ,


Me deɛ, m’ani da mo so, wɔ Awurade mu sɛ, morennwene biribi foforɔ biara sɛ me deɛ no; na deɛ ɔhaa mo no, sɛ ɔte sɛn dɛn ara a, ɔbɛnya atemmuo.


Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyie honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.


Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyini a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu.


Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios