Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Ne ho pere no sɛ ɔbɛhunu mo nyinaa na ɛha no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 efisɛ n’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:26
23 Referencias Cruzadas  

Na Ɔhene Dawid ani gyinaa Absalom, ɛfiri sɛ na ne werɛ akyekye, Amnon wuo no ho.


Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so.


Sɛ mese: Me werɛ bɛfiri m’apinisie, mɛgyae mosooyɛ na mate m’anim a,


Ahohora apɛkyɛ m’akoma, na abɔ me yadeɛ, na mehwɛ deɛ ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefoɔ a, menhunu bi.


Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma akoma tɔ yam.


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Ɛfiri sɛ m’ani agyina sɛ mɛhu mo, na mede honhom adom akyɛdeɛ bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den,


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


na wɔn ara nso bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na Nyankopɔn adom a aboro so agu mo soɔ no nti, wɔn ani bɛgyina mo.


Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.


Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu.


Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.


Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn;


Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso.


Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.


Ɛno mu na mo ho siane mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔho mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios