Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Mo ankasa modi ho adanseɛ wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:22
20 Referencias Cruzadas  

Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa.


na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.


Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso.


Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.


Na yei nti nso na metwerɛeɛ, sɛ mɛhunu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahunu sɛ mo aso yɛ mmerɛ wɔ adeɛ nyinaa mu anaa?


Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ wɔ nnoɔma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛmu a ɔwɔ no mo mu nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.


Enti monyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo ahodoɔ no anim.


Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa no ahwɛ.


Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


Ebinom firi ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ asɛmpa no ho anoyie nti na meda ha,


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Na menni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;


Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛdeɛ adiyisɛm a wɔkaa no wo ho kane no teɛ no, sɛ fa so ko ɔko pa no,


de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Sɛ wode yeinom kyerɛ anuanom a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa a wodii akyire no nsɛm ayɛne no.


de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!


Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidie, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ,


de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios