Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Anidasoɔ a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no enti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ama waba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:19
22 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.


Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛtoɔ.


Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.


Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ.


Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo.


Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.


Ɔno ara mu na mo nso, motee nokorɛ asɛm a ɛne mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mogye diiɛ no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:


Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnyeɛ, na mo ne me nni ahurisie.


Ɛno nti na mabɔ mmɔden masoma no, na sɛ mohunu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhoɔ so ahwan.


Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,


Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ Awurade pɛ na yɛnya nkwa a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios