Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Afei mubetumi ne me abɔ mu ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwa mu no, mekoe na migu so reko sɛnea mote no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 efisɛ, mowɔ akodi koro no ara a muhui wɔ me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:30
21 Referencias Cruzadas  

Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu.


Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora.


Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Mo ne bɔne redi ako yi, monnya nsii ano nkɔduruu mogyahwiegu mu,


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios