Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 nanso ebinom firi ntɔkwapɛ mu na wɔbɔ Kristo din, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne nokorɛ so, na mmom wɔsusu sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 nanso ebinom firi ntɔkwapɛ mu na wɔbɔ Kristo din, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne nokorɛ so, na mmom wɔsusu sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiasenna nna yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 nanso ebinom fi ntɔkwawpɛ mu na ɛbɔ Kristo din, efisɛ ɛnyɛ ne nokware so so, na mmom wosusuw sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:17
16 Referencias Cruzadas  

Enti momfa nto mo tirim na moannwene deɛ mode bɛyi mo ho ano ansa.


Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:


Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam.


Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so.


Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu.


Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no.


Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios