Ester 9:30 - New Revised Asante Twi Bible30 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ nyinaa wɔ Ɔhene Akas-weros ahennie nsase ɔha aduonu nson no so, ɔmannwoeɛ ne nokorɛdie nsɛm, Ver CapítuloTwerɛ Kronkron30 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ nyinaa wɔ Ɔhene Akas-weros ahennie nsase ɔha aduonu nson no so, ɔmannwoeɛ ne nokorɛdie nsɛm, Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm30 Ɛno akyi no, wɔsoma ma wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoe ne bammɔ aba, kɔɔ Yudafo a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu ason no a ɛwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm30 Ɛno akyi, wɔsoma maa wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoeɛ ne banbɔ aba, kɔɔ Yudafoɔ a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu nson no a ɛwɔ Ahasweros ahemman no nyinaa so. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON30 Na ɔsomae ma wɔde nhoma kɔmaa Yudafo nyinaa, wɔ Ɔhene Ahas-weros ahenni nsaase ɔha aduonu ason no so, ɔmannwoe ne nokwaredi nsɛm, Ver Capítulo |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.