Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 9:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ Abihail ba no ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa twerɛe, sɛ wɔbɛma Purim nwoma a ɛtɔ so mmienu yi atim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Na Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ Abihail ba no ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa twerɛe, sɛ wɔbɛma Purim nwoma a ɛtɔ so mmienu yi atim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Na Ɔhemmea Ɛster, Abihail babea no ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa foforo a wɔde ɔhemmea no tumi kɛse foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Na Ɔhemmaa Ɛster, Abihail babaa no ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa foforɔ a wɔde ɔhemmaa no tumi kɛseɛ foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na ɔhemmea Ester a ɔyɛ Abihail ba no, ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa kyerɛwee, sɛ wɔbɛma Purim nhoma a ɛto so abien yi atim.

Ver Capítulo Copiar




Ester 9:29
6 Referencias Cruzadas  

Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.


Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,


sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,


Na wɔnkae nna yi, na wɔnni no awoɔ ntoatoasoɔ, mmusua, nsase ne nkuro nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafoɔ no tiri so, na ne nkaeɛ nso to nntwa wɔn asefoɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios