Ester 7:3 - New Revised Asante Twi Bible3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me nkurɔfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ, Ver CapítuloTwerɛ Kronkron3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me nkurɔfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ, Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 Ɔhemmea Ɛster buae se, “Sɛ Ɔhempɔn ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisade ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, obegyaa me nkwa ne me manfo nkwa mu ama yɛn. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm3 Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON3 Ɛnna ɔhemmea Ester buae sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’ade a meresrɛ, ne me nkurɔfo sɛ m’ade a merehwehwɛ, Ver Capítulo |