Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 3:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔrenhaw Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de atɔre Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremfa ne nsa nka Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtɔre Yudafoɔ a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, efisɛ na wɔakyerɛ no nea Mordekai fi, na Haman hwehwɛe sɛ okunkum Yudafo a wɔwɔ Akas-weros ahenni nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfo no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Ester 3:6
6 Referencias Cruzadas  

Na Akas-weros ahennie so, ɔfirii n’ahennie aseɛ no, wɔtwerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ ho anototo nwoma.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.


Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.


Na wɔde akoma korɔ tu agyina, wo tiri so na wɔpam.


Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio.


Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios