Ester 10:1 - New Revised Asante Twi Bible1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON1 Na ɔhene Ahas-weros de towyi too asase no, ne mpoaano aman no so. Ver Capítulo |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.