Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Enti munnyina hɔ, momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:14
13 Referencias Cruzadas  

Na Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no reforo aba ne wɔn abɛko no, wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔbɛtumi amia amiadeɛ nyinaa, ɛfiri mmɔfra so de kɔsi mpanimfoɔ so, na wɔbɛgyinaa ɛhyeɛ so.


Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:


na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.


Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho, na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.


Mommɔ abɔsoɔ, na momma mo akanea nnɛre;


Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.


nokorɛ asɛnka mu, Nyankopɔn tumi mu, tenenee akodeɛ mu wɔ nifa ne benkum;


ɛfiri sɛ hann aba da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu,


Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ.


na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.


Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.


Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no, anisoadehunu no mu nie: Wɔwɔ ogya ne afasebire ne sɔfe nkataboɔ, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wisie ne sɔfe fifiri wɔn anomu.


Na wɔwowɔ nkataboɔ te sɛ dadeɛ nkataboɔ, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam deɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios