Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:27
21 Referencias Cruzadas  

Ɔhene babaa wɔ animuonyam kɛseɛm ɔdan mu, wɔde sikatam abu n’aduradeɛ.


Wɔka wo ho animuonyamsɛm, Nyankopɔn kuro.


Wo ho nyinaa yɛ fɛ, me dɔfoɔ, na ɛdɛm biara nni wo ho.


Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.


Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.


Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Nyankopɔn mu ninkunu. Magye mo awadeɛ sɛ ababaawa a efi nkaa no; na mede mo rekɔma ɔbarima baako a ɔno ne Kristo.


na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Enti, adɔfo, ɛnam sɛ moretwɛn yeinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wɔnni nkekaeɛ ne dɛm asomdwoeɛ mu,


mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios