Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:17
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa, n’ayeyie gyina hɔ daa.


Ma menhunu wo nsiesieeɛ kwan mu, na mennwene w’anwanwadeɛ ho.


Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.


ɛno na wobɛhunu AWURADE suro, na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.


Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso.


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Enti monhwɛ mo nanteɛ yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ anyansafoɔ.


Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!


Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios