Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se, “Nyan, wo a woada, na sɔre fi awufo mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ, “Nyane, wo a woada, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:14
23 Referencias Cruzadas  

W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.


Nyane ɛ, nyane ɛ! Sɔre ɛ, O Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuo kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwe mu.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.


ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ,


ɛfiri sɛ, me ba yi wui, na wanyane bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.


Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔfiri awufoɔ mu te aseɛ, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.


Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka yei mehyɛ mo aniwuo.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu,


ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)


Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa.


Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.


na afei wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ayi no adie no ho. Ɔno na wayi owuo hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne adeɛ a ɛmporɔ adi fann.


na wɔn ani so atete afiri ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ deɛ ɔpɛ no afidie mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios