Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:28
33 Referencias Cruzadas  

deɛ mennya menhunuiɛ, wo na kyerɛ me, sɛ madi amumuyɛsɛm a, merenni bio?


Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no.


Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ.


Ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbaeɛ, na anosɛm deɛ, ohia ara nko.


Obi wɔ hɔ a n’ani bere adeɛ kɔkɔɔkɔ daa nyinaa, na ɔteneneeni deɛ, ɔma na ɔnnodo ho.


Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.


na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din.


Ɔbae ne nsam ma mmɔborɔni, na ɔtene ne nsa ma ohiani.


Mobɛbɔ korɔno, adi awu, asɛe awadeɛ, akeka ntanhunu, akɔhye aduhwam ama Baal, akɔdi anyame afoforɔ a monni wɔn akyi,


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.


Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.


Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ: Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.


Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!


na yɛbrɛ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma. Wɔya yɛn a, yɛhyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so,


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


ɛfiri sɛ, wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛe;


Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.


sɛ wɔnyɛ yie, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ adeɛ fɛ so na wɔn nsam ngo,


Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios