Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE, yɛn na animguase wɔ yɛn, yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;

Ver Capítulo Copiar




Daniel 9:8
15 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ.


na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho koto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛafom na yɛadi abɔnefosɛm,


ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.


Na ɛfiri tete nteredee wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko.


O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm, yɛn agyanom amumuyɛ, sɛ yɛayɛ wo bɔne.


Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɔne a wɔyɛɛ no, sɛ wɔde rehuru me boɔ no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahemfo, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ ne Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.


Me na wɔyi me abufuo? AWURADE asɛm nie, ɛnyɛ wɔn ho na wɔyɛ no sakasaka?


AWURADE di bem, ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua. Aman nyinaa, montie, na monhwɛ me yea. Me mmabaa ne me mmeranteɛ kɔ nnommumfa mu.


Yɛn ara na yɛato mmara na yɛate atua, wo nso woamfa amfiri.


Yɛn abotire ayi atɔ fam. Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios