Daniel 9:27 - New Revised Asante Twi Bible27 Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm27 Ɔbɛhoro ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmere ‘ason’ baako mu. Na mmere ‘ason’ no mfimfini no, obegyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdema. Obedua abusude a ɛde ɔsɛe bɛba wɔ asɔredan no mu, kosi sɛ awiei a wɔahyɛ no behwie agu ne so.” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm27 Ɔbɛsi ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmerɛ ‘nson’ baako mu. Na mmerɛ ‘nson’ no mfimfini no, ɔbɛgyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ma. Ɔbɛdua abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ bɛba wɔ asɔredan no no mu, kɔsi sɛ awieeɛ a wɔahyɛ no bɛhwie agu ne so.” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON27 Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako; na dapɛn no fa mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so. Ver Capítulo |