Daniel 9:15 - New Revised Asante Twi Bible15 Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm15 “Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm15 “Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON15 Na afei, Awurade yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Misraim asase so de agye din sɛ ɛte nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne. Ver Capítulo |