Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 9:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yɛanyɛ osetie amma Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfo adiyifo so de maa yɛn no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnantew ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifo no so de sii yɛn anim no mu;

Ver Capítulo Copiar




Daniel 9:10
8 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Ɛsiane sɛ mo agyanom agya me, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me deɛ, wɔagya me, na me mmara nso, wɔanni so,


Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios