Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asuo no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔde nʼani kyerɛɛ Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no a mihuu sɛ na ogyina suka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn abien a mihuu no sɛ ogyina asu no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 8:6
2 Referencias Cruzadas  

Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam.


Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios