Daniel 8:25 - New Revised Asante Twi Bible25 Na n’aniteɛ nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn; na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntin, na ɔbɛyɛ ahomaso. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkae, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a emfi onipa ahoɔden mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON25 Na n’anitew nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na obedi ne koma mu akokurokosɛm na obefi nkurɔfo bebree mpaase asɛe wɔn, na ɔbɛsɔre ahyɛ ahene mu hene, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no. Ver Capítulo |