Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 8:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ no ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Afei metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa no se, “Bere bɛn na anisoadehu yi bɛba mu—nea ɛfa daa daa afɔre, atuatew a ɛde ɔsɛe ba, kronkron tenabea a wobegyaa mu ama, ne Awurade asafo a wobetiatia wɔn so no?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wontiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi?

Ver Capítulo Copiar




Daniel 8:13
38 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn, ɔhohiahiafoɔ nka ahohorasɛm nkɔsi da bɛn? Ɔtamfoɔ ngu wo din ho fi daa anaa?


Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ, odiyifoɔ bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie.


Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?


na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so;


Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse: Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo a obi nte mu, na afie atɔ mpan a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ fo koraa,


Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no ɛserɛ pataa;


Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.


Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.


Na metee, na mante aseɛ, na mese: Me wura, nnoɔma yi awieeɛ bɛsi sɛn?


Na m’anisoadeɛ a mehunuu no me mpa soɔ no nie: Mehunuu dua bi sɛ ɛsi asase mfimfini, a ɛware tenteenten.


Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui.


Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:


Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.


Ɔkaa sɛ: Aboa a ɔtɔ so nnan no bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan, asase so a ɛbɛsono ɛno, ahennie nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no asinasini.


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.


Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.


Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)


Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


na wahyɛ mo akoma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefoɔ nyinaa ba mu.


Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?


Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.


Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba


Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were?


Na AWURADE bɔfoɔ no see no sɛ: Adɛn na worebisa me din a ɛyɛ nwanwa yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios