Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na ɛyɛɛ kɛseɛ kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enyinii ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotow asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma guguu fam, tiatiaa wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na ɛsoe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na otiatiaa wɔn so;

Ver Capítulo Copiar




Daniel 8:10
9 Referencias Cruzadas  

Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;


Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.


Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so.


Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so.


Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.


Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios