Daniel 7:19 - New Revised Asante Twi Bible19 Ɛnna mepɛɛ sɛ mehunu nokorɛ a ɛfa aboa a ɔtɔ so nnan a ɛsono ɔno wɔn nyinaa mu a ne ho yɛ hu boro soɔ a ne se yɛ dadeɛ na ne bɔwerɛ yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔdidi keka mu de ne nan pɛkyɛ nkaeɛ no ho asɛm no ase, Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm19 “Afei mepɛɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow wɔ nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho yɛ hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm19 “Afei, mepɛɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so ɛnan no a na ɔda nso wɔ nkaeɛ no mu no nkyerɛaseɛ. Na ne ho yɛ hu yie, na ɔde ne se a ɛyɛ dadeɛ ne nʼabɔwerɛ a ɛyɛ kɔbere no tete mmoa a ɔkyere wɔn no we, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON19 Ɛnna mepɛe sɛ mihu aboa a ɔto so anan a ɛsono ɔno ne wɔn nyinaa a ne ho yɛ hu boro so a ne se yɛ dade na n’awerɛw yɛ kɔbere a odidi bubu bi mu de ne nan pɛtɛw nkae no ho asɛm no ase, Ver Capítulo |