Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 7:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 “Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 “Me, Daniel, deɛ mehunuiɛ no nyinaa haa me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehunu no bɔɔ me hu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 7:15
18 Referencias Cruzadas  

Na anɔpa no ne ho dwanee no, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Misraim atwerɛfoɔ nyinaa ne ɛhɔ anyansafoɔ nyinaa, na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ no aseɛ.


Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan, wo ara wonim. Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no, ɛda w’anim hɔ.


Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu;


Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe.


Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso daeɛ bi, na me honhom ho yera me sɛ mɛkae daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ.


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.


na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.


Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire.


Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.


Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


ɛfiri sɛ, menim sɛ pa a wɔbɛpa me ho ntomadan yi bɛba ntɛm so, sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios