Daniel 7:13 - New Revised Asante Twi Bible13 Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm13 “Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm13 “Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON13 Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Ver Capítulo |