Daniel 7:11 - New Revised Asante Twi Bible11 Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm11 “Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm11 “Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON11 Mede hwɛ ara, ɛno na nsɛm akɛse a abɛn no kekae nti, mehwɛe ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefram no. Ver Capítulo |
Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.