Daniel 6:20 - New Revised Asante Twi Bible20 Na ɔbɛnee amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa? Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm20 Oduu hɔ no, ɔde awerɛhow frɛe se, “Daniel, Onyankopɔn teasefo somfo. Wo Nyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo fii gyata no mu ana?” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm20 Ɔduruu hɔ no, ɔde awerɛhoɔ frɛɛ sɛ, “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ ɔsomfoɔ. Wo Onyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo firii agyata no mu?” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON20 Na ɔbɛn amoa no ano no, ɔde awerɛhow nne teɛɛm frɛɛ Daniel; ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefo no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa yi atumi agye wo afi agyata no anom anaa? Ver Capítulo |