Daniel 5:23 - New Revised Asante Twi Bible23 na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm23 Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm23 Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON23 na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni. Ver Capítulo |