Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 5:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na wo, ne ba Belsasar, wonim yei nyinaa deɛ, nanso woammrɛ w’akoma ase;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wonim yeinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na wo, ne ba Belsasar, wunim eyi nyinaa de, nanso woammrɛ wo koma ase;

Ver Capítulo Copiar




Daniel 5:22
17 Referencias Cruzadas  

Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa mfomsoɔ dɔɔso.


Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase Odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa AWURADE ano no anim.


Na mɛka w’adanseɛ ho asɛm ahemfo anim, na m’ani renwu.


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho, ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa, na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;


Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;


Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.


Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,


Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no.


Na Yohane nam tenenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na togyefoɔ ne nnwamamfoɔ na wɔgyee no diiɛ, na mo nso mohunuiɛ no, moannu mo ho akyire yi annye no anni.


Na akoa no a ɔnim deɛ ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Enti deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.


Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios