Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma tɔ me yam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Me, Nebukadnesar, mete me fi dwoodwoo, na me ho ka me ho m’aban mu;

Ver Capítulo Copiar




Daniel 4:4
13 Referencias Cruzadas  

Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Moab atena ase dwoodwoo firi ne mmɔfraase, na wada ne puo so, na wɔnhwiee no mfirii adeɛ mu nguu adeɛ mu, na ɔnkɔɔ tukorɔ mu da; enti na ne dɛ aka ne mu, na ne ho hwam nsakyeraeɛ.


W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, mato wo atwene fam, mede wo ato ahemfo anim sɛ wɔnhwɛ wo.


kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Misraimhene Farao, asuboa kɛseɛ a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’Asubɔnten Nil wɔ me, me ara na meyɛ mefaeɛ.


Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn.


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.


Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ.


Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios