Daniel 4:37 - New Revised Asante Twi Bible37 Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm37 Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm37 Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON37 Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase. Ver Capítulo |