Daniel 4:35 - New Revised Asante Twi Bible35 na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi? Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm35 Asase so nnipa nyinaa, wommu wɔn hwee. Ɔde ɔsoro tumi yɛ nea ɔpɛ biara. Na nnipa a wɔwɔ asase so mu biara ntumi nsiw no kwan anaa ommisa no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm35 Asase so nnipa nyinaa, wɔmmu wɔn hwee. Ɔde ɔsoro tumi yɛ deɛ ɔpɛ biara. Na nnipa a ɛwɔ asase so mu biara ntumi nsi no ɛkwan anaa ɔmmisa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON35 na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi? Ver Capítulo |