Daniel 4:34 - New Revised Asante Twi Bible34 Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ; Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm34 Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahenni teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm34 Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahennie tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON34 Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so; Ver Capítulo |