Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 4:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Na wobɛwe sare te sɛ nantwi. Mfe ason betwa wo ti so kosi sɛ wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no di wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu. Wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Na wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so kɔsi sɛ wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no di ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a, ɔpɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 4:32
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɔɔ no mpaeɛ no, AWURADE tiee ne nkotosrɛ, na ɔde no sane baa Yerusalem n’ahennie mu. Ɛnna Manase hunuu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.


Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.


Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no? Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu.


Na ɔbuaa sɛ: Ɔkyena. Na Mose kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ deɛ woaka no, na woahunu sɛ obiara biara nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn.


Na afei deɛ, merema me haw nyinaa aba w’akoma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.


Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiri adi mefiri kuro no mu ara pɛ a, mɛtrɛ me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to bɛtwa, na ɔsoro aboɔ no antɔ bio, na woahunu sɛ AWURADE na asase wɔ no.


Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo nko ne AWURADE.


Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wɔbu wɔn sɛ nsania mu mfuturo bi. Hwɛ, ɔmema mmepɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.


Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; ɔbu wɔn sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee ne adehunu.


Na mede sum mu akoradeɛ ne aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no, Israel Nyankopɔn no.


Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.


ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna; ɔtu ahene, na ɔsi ahene, ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔde nimdeɛ ma wɔn a wɔwɔ nhunumu;


Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.


na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


na asase so aman nyinaa ahunu AWURADE nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios