Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 3:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Enti wɔkyekyeree saa nkurɔfo yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntade, wɔn mmotiri ne wɔn ntama papee, tow wɔn guu fononoo gya a ɛredɛw no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Enti, wɔkyekyeree saa nkurɔfoɔ yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ, wɔn mmotire ne wɔn ntoma papee, too wɔn guu fononoo ogya a ɛrederɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, wɔn ntade ne wɔn mmotiri ne wɔn ntama mu, na wɔtow wɔn guu ogya a ɛrefram no mu.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 3:21
6 Referencias Cruzadas  

Na Yosef wura no faa no de no kɔtoo afiase, deɛ ɔhene nneduafoɔ guo, na ɔdaa afiase hɔ.


Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no,


Na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ, sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mfa wɔn nkɔgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu.


Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.


Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.


na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios