Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 3:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nebukadnessar bo fuw Sadrak, Mesak ne Abednego yiye, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no gya no hyew no nnɔ mmɔho ason.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,

Ver Capítulo Copiar




Daniel 3:19
26 Referencias Cruzadas  

Na Yakob hunuu Laban anim, na hwɛ, ɛnte no sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.


Na Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto nsɔre no no, abufuo hyɛɛ Haman ma.


Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.


Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.


Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no.


Ɔhantanni a wahuhuro, ne din de ɔfɛdifoɔ, ɔdi n’asɛm ahantan ntrasoɔ mu.


Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa, wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Koto, na yɛmfa wo so; na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.


Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.


Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.


Na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ, sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mfa wɔn nkɔgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu.


Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Na sɛ yeinom mu moantie me ara a, ɛnneɛ mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛnson aka ho,


Na sɛ mone me di asie ara na mompɛ sɛ motie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mprɛnson sɛdeɛ mo bɔne teɛ no.


ɛnneɛ me nso mene mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mprɛnson.


ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson.


Na wɔteeɛ no, ɛtwii wɔn na wɔtuu agyina sɛ wɔbɛku wɔn.


Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios