Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔhene buaa sɛ: Menim ampa sɛ moresɛe me berɛ, ɛsiane sɛ monim sɛ mekasa a mennane akyire.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔhene no buae se, “Mahu mo nnaadaa no. Mahu sɛ, moretwentwɛn bere no so, na munim gyinae a masi wɔ asɛm a mekae no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔhene no buaa sɛ, “Mahunu mo nnaadaa no. Mahunu sɛ, moretwentwɛn ɛberɛ no so, na monim gyinaeɛ a masi asɛm a mekaeɛ no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔhene buae sɛ: Minim ampa sɛ moregye bere, esiane sɛ muhu sɛ asɛm no afi me mu kɔ nti.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:8
4 Referencias Cruzadas  

Wɔbuaa no ne mprenu so sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.


Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, asɛm rebɛto mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ.


Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios